Exodus 30:22-27

22Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose se, 23“Hwehwɛ nnuhuam papa sɛ kurobow a ɛyɛ kilogram asia, sinamon kilogram abiɛsa ne mmetire huamhuam kilogram abiɛsa. 24Kurobow dodow a mobɛfa no nyɛ sɛ sinamon no dodow na momfa ngodua mu ngo lita anan. 25Awurade ahyɛ nnuhuamfrafo a wakwadaw ne yɛ mu yiye, sɛ wɔmfra saa nnuhuam yi mma ɛnyɛ ngo kronkron a wɔde tew onipa ho. 26Na momfa eyi ntew Ahyiae Ntamadan ne Apam Adaka, 27ɔpon no ne ɛho nkankyee nyinaa, kaneadua no ɛho nneɛma, nnuhuam afɔremuka no,
Copyright information for TwiAKNA